Hosea 10:4
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree, Wɔka ntam hunu na wɔyɛ apam ahodoɔ; ɛno enti mansotwe sɔresɔre te sɛ wira a borɔ wɔ mu a afifiri asase a wɔafuntum so.
Hosea 10:4 in English
Hosea 10:4 · Berean Standard Bible
They speak mere words; with false oaths they make covenants. So judgment springs up like poisonous weeds in the furrows of a field.
Context
2Nnaadaasɛm wɔ wɔn akoma mu,
enti ɛsɛ sɛ wɔnya wɔn afɔdie so asotwe.
Awurade bɛbubu wɔn afɔrebukyia,
na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no. 3Afei, wɔbɛka sɛ, “Yɛnni ɔhene,
ɛfiri sɛ, yɛamfa anidie amma Awurade.
Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene kora a,
ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?” 4Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree,
Wɔka ntam hunu
na wɔyɛ apam ahodoɔ;
ɛno enti mansotwe sɔresɔre
te sɛ wira a borɔ wɔ mu
a afifiri asase a wɔafuntum so. 5Nnipa a wɔte Samaria no suro ma
Bet Awen nantwie ba ohoni no.
Ne nkurɔfoɔ bɛsu.
Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ,
wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no.
Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu. 6Wɔde no bɛkɔ Asiria,
de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam.
Ɛbɛgu Efraim anim ase;
na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.