Native Bible

Habakkuk 3:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu, ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ.

Habakkuk 3:15 in English

Habakkuk 3:15 · Berean Standard Bible

You trampled the sea with Your horses, churning the great waters.

Context

13Wobaeɛ sɛ worebɛgye wo nkurɔfoɔ, na woagye deɛ wɔasra no no nkwa. Wopɛkyɛɛ atirimuɔdenfoɔ ɔman no kandifoɔ, wopaa ne ho ntoma firi ne tiri so kɔsii ne nan ase. 14Wode ɔno ankasa pea hweree ne tiri mu, ɛberɛ a nʼakofoɔ bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu. Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre mmɔborɔfoɔ a wɔakɔ atɛ no ase koraa. 15Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu, ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ. 16Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ, nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri; aporɔ hyɛnee me nnompe mu, na me nan wosoeɛ. Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛ amanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no. 17Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, na aba nso nni bobe no so; ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ na mfuo no mmɔ aduane. Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu, na anantwie nso nni ban no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.