Native Bible

Habakkuk 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ, nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri; aporɔ hyɛnee me nnompe mu, na me nan wosoeɛ. Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛ amanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no.

Habakkuk 3:16 in English

Habakkuk 3:16 · Berean Standard Bible

I heard and trembled within; my lips quivered at the sound. Decay entered my bones; I trembled where I stood. Yet I must wait patiently for the day of distress to come upon the people who invade us.

Context

14Wode ɔno ankasa pea hweree ne tiri mu, ɛberɛ a nʼakofoɔ bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu. Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre mmɔborɔfoɔ a wɔakɔ atɛ no ase koraa. 15Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu, ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ. 16Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ, nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri; aporɔ hyɛnee me nnompe mu, na me nan wosoeɛ. Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛ amanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no. 17Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, na aba nso nni bobe no so; ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ na mfuo no mmɔ aduane. Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu, na anantwie nso nni ban no mu. 18Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu; me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.