Habakuk 3:18
Habakkuk 3:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu; me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.
Habakkuk 3:18 in English
Habakkuk 3:18 · Berean Standard Bible
yet I will exult in the LORD; I will rejoice in the God of my salvation!
Context
16Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ,
nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri;
aporɔ hyɛnee me nnompe mu,
na me nan wosoeɛ.
Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛ
amanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no. 17Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,
na aba nso nni bobe no so;
ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ
na mfuo no mmɔ aduane.
Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu,
na anantwie nso nni ban no mu. 18Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu;
me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a
ɔyɛ mʼagyenkwa no mu. 19Otumfoɔ Awurade yɛ mʼahoɔden.
Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ,
ɔma me nante sorɔnsorɔmmea.
Wɔmfa mpaeɛ yi mma nnwomtofoɔ ntuanoni no. Na wɔnto no wɔ me nhoma nnwontodeɛ no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.