Native Bible

Habakkuk 3:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, na aba nso nni bobe no so; ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ na mfuo no mmɔ aduane. Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu, na anantwie nso nni ban no mu.

Habakkuk 3:17 in English

Habakkuk 3:17 · Berean Standard Bible

Though the fig tree does not bud and no fruit is on the vines, though the olive crop fails and the fields produce no food, though the sheep are cut off from the fold and no cattle are in the stalls,

Context

15Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu, ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ. 16Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ, nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri; aporɔ hyɛnee me nnompe mu, na me nan wosoeɛ. Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛ amanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no. 17Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, na aba nso nni bobe no so; ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ na mfuo no mmɔ aduane. Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu, na anantwie nso nni ban no mu. 18Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu; me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ mʼagyenkwa no mu. 19Otumfoɔ Awurade yɛ mʼahoɔden. Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ, ɔma me nante sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mpaeɛ yi mma nnwomtofoɔ ntuanoni no. Na wɔnto no wɔ me nhoma nnwontodeɛ no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.