Native Bible

Habakkuk 3:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wobaeɛ sɛ worebɛgye wo nkurɔfoɔ, na woagye deɛ wɔasra no no nkwa. Wopɛkyɛɛ atirimuɔdenfoɔ ɔman no kandifoɔ, wopaa ne ho ntoma firi ne tiri so kɔsii ne nan ase.

Habakkuk 3:13 in English

Habakkuk 3:13 · Berean Standard Bible

You went forth for the salvation of Your people, to save Your anointed. You crushed the head of the house of the wicked and stripped him from head to toe. Selah

Context

11Owia ne ɔsrane gyinagyinaa sorosoro hɔ, ɛberɛ a wohunuu wʼagyan a ɛnenam ewiem no hann no ne wo pea a ɛpa nyinam nyinam no. 12Wʼabufuhyeɛ mu no, wonante twaa asase so na wode abufuo tiatiaa aman no so. 13Wobaeɛ sɛ worebɛgye wo nkurɔfoɔ, na woagye deɛ wɔasra no no nkwa. Wopɛkyɛɛ atirimuɔdenfoɔ ɔman no kandifoɔ, wopaa ne ho ntoma firi ne tiri so kɔsii ne nan ase. 14Wode ɔno ankasa pea hweree ne tiri mu, ɛberɛ a nʼakofoɔ bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu. Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre mmɔborɔfoɔ a wɔakɔ atɛ no ase koraa. 15Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu, ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.