Native Bible

Habakkuk 1:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mema Babiloniafoɔ asɔre, ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ; wɔbufa asase nyinaa so, na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea.

Habakkuk 1:6 in English

Habakkuk 1:6 · Berean Standard Bible

For behold, I am raising up the Chaldeans *— that ruthless and impetuous nation which marches through the breadth of the earth to seize dwellings not their own.

Context

4Enti, mmara nyɛ adwuma na atɛntenenee nni baabiara, atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ, enti wɔkyea atemmuo. 5“Momma ɛnyɛ mo nwanwa, na mo ho nnwiri mo! Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni. 6Mema Babiloniafoɔ asɔre, ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ; wɔbufa asase nyinaa so, na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea. 7Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn; wɔyɛ wɔn bo so adeɛ, de pɛ animuonyam ma wɔn ho. 8Wɔn apɔnkɔ ho yɛ herɛ sene asebɔ, na wɔn ho yɛ hu sene pataku a ɔnam anadwo, wɔn apɔnkɔsotefoɔ kɔ wɔn anim mmarima so, wɔfiri akyirikyiri nsase so, na wɔto hoo sɛ akroma a ɔrekɔkye aboa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.