Native Bible

Habakkuk 1:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn; wɔyɛ wɔn bo so adeɛ, de pɛ animuonyam ma wɔn ho.

Habakkuk 1:7 in English

Habakkuk 1:7 · Berean Standard Bible

They are dreaded and feared; from themselves they derive justice and sovereignty.

Context

5“Momma ɛnyɛ mo nwanwa, na mo ho nnwiri mo! Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni. 6Mema Babiloniafoɔ asɔre, ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ; wɔbufa asase nyinaa so, na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea. 7Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn; wɔyɛ wɔn bo so adeɛ, de pɛ animuonyam ma wɔn ho. 8Wɔn apɔnkɔ ho yɛ herɛ sene asebɔ, na wɔn ho yɛ hu sene pataku a ɔnam anadwo, wɔn apɔnkɔsotefoɔ kɔ wɔn anim mmarima so, wɔfiri akyirikyiri nsase so, na wɔto hoo sɛ akroma a ɔrekɔkye aboa. 9Wɔn nyinaa ba sɛ wɔrebɛyɛ basabasayɛ. Wɔn dɔm pem kɔ wɔn anim te sɛ anweatam so mframa, na wɔtase nneduafoɔ sɛ anwea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.