Habakuk 1:8
Habakkuk 1:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn apɔnkɔ ho yɛ herɛ sene asebɔ, na wɔn ho yɛ hu sene pataku a ɔnam anadwo, wɔn apɔnkɔsotefoɔ kɔ wɔn anim mmarima so, wɔfiri akyirikyiri nsase so, na wɔto hoo sɛ akroma a ɔrekɔkye aboa.
Habakkuk 1:8 in English
Habakkuk 1:8 · Berean Standard Bible
Their horses are swifter than leopards, fiercer than wolves of the night. Their horsemen charge ahead, and their cavalry comes from afar. They fly like a vulture, swooping down to devour.
Context
6Mema Babiloniafoɔ asɔre,
ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ;
wɔbufa asase nyinaa so,
na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea. 7Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn;
wɔyɛ wɔn bo so adeɛ,
de pɛ animuonyam ma wɔn ho. 8Wɔn apɔnkɔ ho yɛ herɛ sene asebɔ,
na wɔn ho yɛ hu sene pataku a ɔnam anadwo,
wɔn apɔnkɔsotefoɔ kɔ wɔn anim mmarima so,
wɔfiri akyirikyiri nsase so,
na wɔto hoo sɛ akroma a ɔrekɔkye aboa. 9Wɔn nyinaa ba sɛ wɔrebɛyɛ basabasayɛ.
Wɔn dɔm pem kɔ wɔn anim te sɛ anweatam so mframa,
na wɔtase nneduafoɔ sɛ anwea. 10Wɔmmmu ahene,
wɔdi aman sodifoɔ ho fɛw,
na wɔtwee nkuropɔn ho banbɔ denden.
Wɔsisi dɔteɛ epie nam so kyekyere atamfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.