Habakuk 1:5
Habakkuk 1:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Momma ɛnyɛ mo nwanwa, na mo ho nnwiri mo! Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni.
Habakkuk 1:5 in English
Habakkuk 1:5 · Berean Standard Bible
“Look at the nations and observe— be utterly astounded!* For I am doing a work in your days that you would never believe even if someone told you.*
Context
3Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea?
Adɛn enti na wotena bɔne ho?
Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim,
basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia. 4Enti, mmara nyɛ adwuma
na atɛntenenee nni baabiara,
atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ,
enti wɔkyea atemmuo. 5“Momma ɛnyɛ mo nwanwa,
na mo ho nnwiri mo!
Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so,
na sɛ obi ka kyerɛ mo a,
morennye nni. 6Mema Babiloniafoɔ asɔre,
ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ;
wɔbufa asase nyinaa so,
na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea. 7Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn;
wɔyɛ wɔn bo so adeɛ,
de pɛ animuonyam ma wɔn ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.