Native Bible

Habakkuk 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea? Adɛn enti na wotena bɔne ho? Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim, basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia.

Habakkuk 1:3 in English

Habakkuk 1:3 · Berean Standard Bible

Why do You make me see iniquity? Why do You tolerate wrongdoing? Destruction and violence are before me. Strife is ongoing, and conflict abounds.

Context

1Yei ne asɛm a odiyifoɔ Habakuk nya firii Awurade nkyɛn wɔ anisoadehunu mu. 2Ao, Awurade, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn, a nso wontie me? Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti, nanso womma mmɛgye me. 3Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea? Adɛn enti na wotena bɔne ho? Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim, basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia. 4Enti, mmara nyɛ adwuma na atɛntenenee nni baabiara, atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ, enti wɔkyea atemmuo. 5“Momma ɛnyɛ mo nwanwa, na mo ho nnwiri mo! Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.