Native Bible

Habakkuk 1:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao, Awurade, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn, a nso wontie me? Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti, nanso womma mmɛgye me.

Habakkuk 1:2 in English

Habakkuk 1:2 · Berean Standard Bible

How long, O LORD, must I call for help but You do not hear, or cry out to You, “Violence!” but You do not save?

Context

1Yei ne asɛm a odiyifoɔ Habakuk nya firii Awurade nkyɛn wɔ anisoadehunu mu. 2Ao, Awurade, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn, a nso wontie me? Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti, nanso womma mmɛgye me. 3Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea? Adɛn enti na wotena bɔne ho? Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim, basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia. 4Enti, mmara nyɛ adwuma na atɛntenenee nni baabiara, atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ, enti wɔkyea atemmuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.