Native Bible

Habakkuk 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, mmara nyɛ adwuma na atɛntenenee nni baabiara, atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ, enti wɔkyea atemmuo.

Habakkuk 1:4 in English

Habakkuk 1:4 · Berean Standard Bible

Therefore the law is paralyzed, and justice never goes forth. For the wicked hem in the righteous, so that justice is perverted.

Context

2Ao, Awurade, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn, a nso wontie me? Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti, nanso womma mmɛgye me. 3Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea? Adɛn enti na wotena bɔne ho? Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim, basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia. 4Enti, mmara nyɛ adwuma na atɛntenenee nni baabiara, atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ, enti wɔkyea atemmuo. 5“Momma ɛnyɛ mo nwanwa, na mo ho nnwiri mo! Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni. 6Mema Babiloniafoɔ asɔre, ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ; wɔbufa asase nyinaa so, na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.