Hesekiel 30:8
Ezekiel 30:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa.
Ezekiel 30:8 in English
Ezekiel 30:8 · Berean Standard Bible
Then they will know that I am the LORD when I set fire to Egypt and all her helpers are shattered.
Context
6“ ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“ ‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe ase
na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ.
Ɛfiri Migdol kɔsi Aswan
wɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano,
Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 7Wɔbɛdeda mpan
wɔ nsase a ada mpan mu,
na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka
nkuropɔn a abubu ho. 8Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,
ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu
na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa. 9“ ‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu. 10“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛ
mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.