Native Bible

Ezekiel 30:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu.

Ezekiel 30:9 in English

Ezekiel 30:9 · Berean Standard Bible

On that day messengers will go out from Me in ships to frighten Cush out of complacency. Anguish will come upon them on the day of Egypt’s doom.* For it is indeed coming.

Context

7Wɔbɛdeda mpan wɔ nsase a ada mpan mu, na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka nkuropɔn a abubu ho. 8Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa. 9“ ‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu. 10“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛ mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so. 11Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ, wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no. Wɔbɛtwe wɔn akofena atia Misraim na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.