Native Bible

Ezekiel 30:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛ mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.

Ezekiel 30:10 in English

Ezekiel 30:10 · Berean Standard Bible

This is what the Lord GOD says: I will put an end to the hordes of Egypt by the hand of Nebuchadnezzar king of Babylon.

Context

8Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa. 9“ ‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu. 10“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛ mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so. 11Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ, wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no. Wɔbɛtwe wɔn akofena atia Misraim na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma. 12Mɛma Nil ho asutene awewe na matɔn asase no ama nipabɔne; menam ananafoɔ so bɛsɛe asase no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Me Awurade na maka.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.