Hesekiel 30:12
Ezekiel 30:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛma Nil ho asutene awewe na matɔn asase no ama nipabɔne; menam ananafoɔ so bɛsɛe asase no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Me Awurade na maka.
Ezekiel 30:12 in English
Ezekiel 30:12 · Berean Standard Bible
I will make the streams dry up and sell the land to the wicked. By the hands of foreigners I will bring desolation upon the land and everything in it. I, the LORD, have spoken.
Context
10“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛ
mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so. 11Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ,
wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no.
Wɔbɛtwe wɔn akofena atia Misraim
na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma. 12Mɛma Nil ho asutene awewe
na matɔn asase no ama nipabɔne;
menam ananafoɔ so
bɛsɛe asase no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.
Me Awurade na maka. 13“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mɛsɛe ahoni no
na mede Memfis nsɛsodeɛ ahodoɔ aba awieeɛ.
Misraim renya mmapɔmma bio,
na mɛma ehu aba asase no so nyinaa. 14Mɛsɛe Misraim Atifi,
ato Soan mu ogya
na matwe Tebes aso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.