Hesekiel 30:13
Ezekiel 30:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mɛsɛe ahoni no na mede Memfis nsɛsodeɛ ahodoɔ aba awieeɛ. Misraim renya mmapɔmma bio, na mɛma ehu aba asase no so nyinaa.
Ezekiel 30:13 in English
Ezekiel 30:13 · Berean Standard Bible
This is what the Lord GOD says: I will destroy the idols and put an end to the images in Memphis.* There will no longer be a prince in Egypt, and I will instill fear in that land.
Context
11Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ,
wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no.
Wɔbɛtwe wɔn akofena atia Misraim
na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma. 12Mɛma Nil ho asutene awewe
na matɔn asase no ama nipabɔne;
menam ananafoɔ so
bɛsɛe asase no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.
Me Awurade na maka. 13“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mɛsɛe ahoni no
na mede Memfis nsɛsodeɛ ahodoɔ aba awieeɛ.
Misraim renya mmapɔmma bio,
na mɛma ehu aba asase no so nyinaa. 14Mɛsɛe Misraim Atifi,
ato Soan mu ogya
na matwe Tebes aso. 15Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so
Misraim banbɔ denden no,
na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.