Hesekiel 30:15
Ezekiel 30:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so Misraim banbɔ denden no, na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.
Ezekiel 30:15 in English
Ezekiel 30:15 · Berean Standard Bible
I will pour out My wrath on Pelusium,* the stronghold of Egypt, and cut off the crowds of Thebes.
Context
13“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mɛsɛe ahoni no
na mede Memfis nsɛsodeɛ ahodoɔ aba awieeɛ.
Misraim renya mmapɔmma bio,
na mɛma ehu aba asase no so nyinaa. 14Mɛsɛe Misraim Atifi,
ato Soan mu ogya
na matwe Tebes aso. 15Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so
Misraim banbɔ denden no,
na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu. 16Mɛto Misraim mu ogya;
Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu.
Ahum bɛbu afa Tebes so;
na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara. 17Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ
bɛtotɔ wɔ akofena ano,
na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.