Native Bible

Ezekiel 30:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛto Misraim mu ogya; Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu. Ahum bɛbu afa Tebes so; na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara.

Ezekiel 30:16 in English

Ezekiel 30:16 · Berean Standard Bible

I will set fire to Egypt, Pelusium will writhe in anguish, Thebes will be split open, and Memphis will face daily distress.

Context

14Mɛsɛe Misraim Atifi, ato Soan mu ogya na matwe Tebes aso. 15Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so Misraim banbɔ denden no, na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu. 16Mɛto Misraim mu ogya; Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu. Ahum bɛbu afa Tebes so; na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara. 17Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ akofena ano, na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu. 18Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no, sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a; ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ. Omununkum bɛkata ne so, na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.