Native Bible

Ezekiel 30:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no, sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a; ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ. Omununkum bɛkata ne so, na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu.

Ezekiel 30:18 in English

Ezekiel 30:18 · Berean Standard Bible

The day will be darkened in Tahpanhes when I break the yoke of Egypt and her proud strength comes to an end. A cloud will cover her, and her daughters will go into captivity.

Context

16Mɛto Misraim mu ogya; Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu. Ahum bɛbu afa Tebes so; na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara. 17Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ akofena ano, na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu. 18Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no, sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a; ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ. Omununkum bɛkata ne so, na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu. 19Ɛno enti mɛtwe Misraim aso, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” 20Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so nson no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.