Hesekiel 30:20
Ezekiel 30:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so nson no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Ezekiel 30:20 in English
Ezekiel 30:20 · Berean Standard Bible
In the eleventh year, on the seventh day of the first month, the word of the LORD came to me, saying,
Context
18Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no,
sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a;
ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ.
Omununkum bɛkata ne so,
na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu. 19Ɛno enti mɛtwe Misraim aso,
na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ” 20Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so nson no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21“Onipa ba, mabu Misraimhene Farao abasa mu. Wɔnkyekyereeɛ na atoa bio; na wɔmmfa nhyɛɛ ntoma bamma mu na anya ahoɔden a ɔde bɛsɔ akofena mu. 22Ɛno enti, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ: Mene Misraimhene Farao anya, mɛbu nʼabasa mmienu no mu; abasa a ɛyɛ ne deɛ a emu abuo no, na mama akofena afiri ne nsam atɔ fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.