Hesekiel 30:17
Ezekiel 30:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ akofena ano, na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu.
Ezekiel 30:17 in English
Ezekiel 30:17 · Berean Standard Bible
The young men of On and Pi-beseth * will fall by the sword, and those cities will go into captivity.
Context
15Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so
Misraim banbɔ denden no,
na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu. 16Mɛto Misraim mu ogya;
Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu.
Ahum bɛbu afa Tebes so;
na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara. 17Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ
bɛtotɔ wɔ akofena ano,
na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu. 18Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no,
sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a;
ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ.
Omununkum bɛkata ne so,
na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu. 19Ɛno enti mɛtwe Misraim aso,
na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.