Hesekiel 30:7
Ezekiel 30:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛdeda mpan wɔ nsase a ada mpan mu, na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka nkuropɔn a abubu ho.
Ezekiel 30:7 in English
Ezekiel 30:7 · Berean Standard Bible
They will be desolate among desolate lands, and their cities will lie among ruined cities.
Context
5Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano. 6“ ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“ ‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe ase
na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ.
Ɛfiri Migdol kɔsi Aswan
wɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano,
Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 7Wɔbɛdeda mpan
wɔ nsase a ada mpan mu,
na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka
nkuropɔn a abubu ho. 8Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,
ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu
na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa. 9“ ‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.