Native Bible

Ezekiel 30:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano.

Ezekiel 30:5 in English

Ezekiel 30:5 · Berean Standard Bible

Cush, Put, and Lud,* and all the various peoples, as well as Libya and the men of the covenant land, will fall with Egypt by the sword.

Context

3Na ɛda no abɛn, Awurade ɛda no abɛn, omununkum ɛda, amanaman no atemmuo berɛ. 4Akofena bi bɛba abɛtia Misraim, na ahoyera bɛba Kus so. Sɛ apirafoɔ totɔ wɔ Misraim a wɔbɛsoa nʼahonyadeɛ akɔ na wɔabubu ne fapem agu fam. 5Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano. 6“ ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe ase na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ. Ɛfiri Migdol kɔsi Aswan wɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 7Wɔbɛdeda mpan wɔ nsase a ada mpan mu, na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka nkuropɔn a abubu ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.