Native Bible

Ezekiel 30:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe ase na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ. Ɛfiri Migdol kɔsi Aswan wɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

Ezekiel 30:6 in English

Ezekiel 30:6 · Berean Standard Bible

For this is what the LORD says: The allies of Egypt will fall, and her proud strength will collapse. From Migdol to Syene * they will fall by the sword within her, declares the Lord GOD.

Context

4Akofena bi bɛba abɛtia Misraim, na ahoyera bɛba Kus so. Sɛ apirafoɔ totɔ wɔ Misraim a wɔbɛsoa nʼahonyadeɛ akɔ na wɔabubu ne fapem agu fam. 5Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano. 6“ ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: “ ‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe ase na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ. Ɛfiri Migdol kɔsi Aswan wɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 7Wɔbɛdeda mpan wɔ nsase a ada mpan mu, na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka nkuropɔn a abubu ho. 8Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.