Hesekiel 26:18
Ezekiel 26:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Seesei, mpoano nsase no ho popo wɔ wʼasehweɛ ɛda no; nsupɔ a ɛwɔ ɛpo mu no abɔ hu wɔ wʼasehweɛ no ho.’
Ezekiel 26:18 in English
Ezekiel 26:18 · Berean Standard Bible
Now the coastlands tremble on the day of your downfall; the islands in the sea are dismayed by your demise.”’
Context
16Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti. 17Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ:
“ ‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din,
wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu,
na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so!
Wo ne wo manfoɔ;
wo de ehu hyɛɛ
wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu. 18Seesei, mpoano nsase no ho popo
wɔ wʼasehweɛ ɛda no;
nsupɔ a ɛwɔ ɛpo mu no
abɔ hu wɔ wʼasehweɛ no ho.’ 19“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema ɛpo bunu ba wo so na sɛ ne mu nsuo bebrebe no bɛkata wo so a, 20mede wo ne wɔn a wɔkɔ amena mu no bɛsiane akɔ teteetefoɔ no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubuiɛ, wo ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no, na worensane anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.