Hesekiel 26:16
Ezekiel 26:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti.
Ezekiel 26:16 in English
Ezekiel 26:16 · Berean Standard Bible
All the princes of the sea will descend from their thrones, remove their robes, and strip off their embroidered garments. Clothed with terror, they will sit on the ground, trembling every moment, appalled over you.
Context
14Mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrensi kuro no bio. Me Awurade na maka! 15“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkuro no te wʼasehweɛ ho apinisie ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo anaa? 16Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti. 17Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ:
“ ‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din,
wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu,
na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so!
Wo ne wo manfoɔ;
wo de ehu hyɛɛ
wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu. 18Seesei, mpoano nsase no ho popo
wɔ wʼasehweɛ ɛda no;
nsupɔ a ɛwɔ ɛpo mu no
abɔ hu wɔ wʼasehweɛ no ho.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.