Hesekiel 26:17
Ezekiel 26:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ: “ ‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din, wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu, na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so! Wo ne wo manfoɔ; wo de ehu hyɛɛ wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.
Ezekiel 26:17 in English
Ezekiel 26:17 · Berean Standard Bible
Then they will lament for you, saying, “How you have perished, O city of renown inhabited by seafaring men— she who was powerful on the sea, along with her people, who imposed terror on all peoples!*
Context
15“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkuro no te wʼasehweɛ ho apinisie ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo anaa? 16Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti. 17Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ:
“ ‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din,
wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu,
na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so!
Wo ne wo manfoɔ;
wo de ehu hyɛɛ
wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu. 18Seesei, mpoano nsase no ho popo
wɔ wʼasehweɛ ɛda no;
nsupɔ a ɛwɔ ɛpo mu no
abɔ hu wɔ wʼasehweɛ no ho.’ 19“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema ɛpo bunu ba wo so na sɛ ne mu nsuo bebrebe no bɛkata wo so a,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.