Native Bible

Ezekiel 26:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkuro no te wʼasehweɛ ho apinisie ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo anaa?

Ezekiel 26:15 in English

Ezekiel 26:15 · Berean Standard Bible

This is what the Lord GOD says to Tyre: ‘Will not the coastlands quake at the sound of your downfall, when the wounded groan at the slaughter in your midst?

Context

13Mɛma wo nnwontoɔ gyegyeegye no aba awieeɛ na wɔrente wo sankuo so nnwontoɔ no bio. 14Mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrensi kuro no bio. Me Awurade na maka! 15“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkuro no te wʼasehweɛ ho apinisie ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo anaa? 16Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti. 17Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ: “ ‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din, wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu, na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so! Wo ne wo manfoɔ; wo de ehu hyɛɛ wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.