Hesekiel 26:19
Ezekiel 26:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema ɛpo bunu ba wo so na sɛ ne mu nsuo bebrebe no bɛkata wo so a,
Ezekiel 26:19 in English
Ezekiel 26:19 · Berean Standard Bible
For this is what the Lord GOD says: ‘When I make you a desolate city like other deserted cities, and when I raise up the deep against you so that the mighty waters cover you,
Context
17Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ:
“ ‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din,
wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu,
na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so!
Wo ne wo manfoɔ;
wo de ehu hyɛɛ
wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu. 18Seesei, mpoano nsase no ho popo
wɔ wʼasehweɛ ɛda no;
nsupɔ a ɛwɔ ɛpo mu no
abɔ hu wɔ wʼasehweɛ no ho.’ 19“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema ɛpo bunu ba wo so na sɛ ne mu nsuo bebrebe no bɛkata wo so a, 20mede wo ne wɔn a wɔkɔ amena mu no bɛsiane akɔ teteetefoɔ no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubuiɛ, wo ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no, na worensane anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so. 21Mede wo bɛba awieeɛ a ɛyɛ hu mu, na worentena asase so bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhunu wo bio da, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.