Hesekiel 24:8
Ezekiel 24:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti mede ne mogya guu ɔbotan wesee so sɛdeɛ ɛso renkata.
Ezekiel 24:8 in English
Ezekiel 24:8 · Berean Standard Bible
In order to stir up wrath and take vengeance, I have placed her blood on the bare rock, so that it would not be covered.’
Context
6“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,
nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei,
na deɛ ɛwɔ mu aka mu no!
Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mu
a wommɔ so ntonto. 7“ ‘Mogya a ɔhwie guiɛ no wɔ ne mfimfini:
ɔhwie guu ɔbotan wesee so;
wanhwie angu fam,
baabi a mfuturo bɛkata soɔ. 8Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti
mede ne mogya guu ɔbotan wesee so
sɛdeɛ ɛso renkata. 9“ ‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!
Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro. 10Enti hyehyɛ nnyensin no
na sɔ ogya no.
Noa ɛnam no yie,
fa ahwanhwanneɛ fra mu;
na ma nnompe no nhye.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.