Hesekiel 24:10
Ezekiel 24:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti hyehyɛ nnyensin no na sɔ ogya no. Noa ɛnam no yie, fa ahwanhwanneɛ fra mu; na ma nnompe no nhye.
Ezekiel 24:10 in English
Ezekiel 24:10 · Berean Standard Bible
Pile on the logs and kindle the fire; cook the meat well and mix in the spices; let the bones be burned.
Context
8Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti
mede ne mogya guu ɔbotan wesee so
sɛdeɛ ɛso renkata. 9“ ‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!
Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro. 10Enti hyehyɛ nnyensin no
na sɔ ogya no.
Noa ɛnam no yie,
fa ahwanhwanneɛ fra mu;
na ma nnompe no nhye. 11Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no so
kɔsi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ
sɛdeɛ emu fi no bɛnane
na deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ. 12Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;
emu fi dodoɔ no ankɔ,
ogya mpo antumi annyi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.