Native Bible

Ezekiel 24:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue! Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro.

Ezekiel 24:9 in English

Ezekiel 24:9 · Berean Standard Bible

Yes, this is what the Lord GOD says: ‘Woe to the city of bloodshed! I, too, will pile the kindling high.

Context

7“ ‘Mogya a ɔhwie guiɛ no wɔ ne mfimfini: ɔhwie guu ɔbotan wesee so; wanhwie angu fam, baabi a mfuturo bɛkata soɔ. 8Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti mede ne mogya guu ɔbotan wesee so sɛdeɛ ɛso renkata. 9“ ‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue! Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro. 10Enti hyehyɛ nnyensin no na sɔ ogya no. Noa ɛnam no yie, fa ahwanhwanneɛ fra mu; na ma nnompe no nhye. 11Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no so kɔsi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ sɛdeɛ emu fi no bɛnane na deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.