Hesekiel 24:7
Ezekiel 24:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Mogya a ɔhwie guiɛ no wɔ ne mfimfini: ɔhwie guu ɔbotan wesee so; wanhwie angu fam, baabi a mfuturo bɛkata soɔ.
Ezekiel 24:7 in English
Ezekiel 24:7 · Berean Standard Bible
For the blood she shed is still within her; she poured it out on the bare rock; she did not pour it on the ground to cover it with dust.
Context
5fa nnwankuo no mu deɛ ɔdi mu.
Fa nnyentia hyehyɛ aseɛ ma nnompe no;
ma ɛnhuru
na noa nnompe a ɛwɔ mu no. 6“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,
nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei,
na deɛ ɛwɔ mu aka mu no!
Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mu
a wommɔ so ntonto. 7“ ‘Mogya a ɔhwie guiɛ no wɔ ne mfimfini:
ɔhwie guu ɔbotan wesee so;
wanhwie angu fam,
baabi a mfuturo bɛkata soɔ. 8Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti
mede ne mogya guu ɔbotan wesee so
sɛdeɛ ɛso renkata. 9“ ‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!
Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.