Hesekiel 24:12
Ezekiel 24:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa; emu fi dodoɔ no ankɔ, ogya mpo antumi annyi.
Ezekiel 24:12 in English
Ezekiel 24:12 · Berean Standard Bible
It has frustrated every effort; its thick rust has not been removed, even by the fire.
Context
10Enti hyehyɛ nnyensin no
na sɔ ogya no.
Noa ɛnam no yie,
fa ahwanhwanneɛ fra mu;
na ma nnompe no nhye. 11Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no so
kɔsi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ
sɛdeɛ emu fi no bɛnane
na deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ. 12Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;
emu fi dodoɔ no ankɔ,
ogya mpo antumi annyi. 13“ ‘Ɛfi a ɛwɔ wo mu no ne aniwudeyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho ɛkwan, wo ho remfi bio kɔsi sɛ mʼabufuhyeɛ a ɛtia woɔ no ano bɛdwo. 14“ ‘Me Awurade na maka. Ɛberɛ aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔborɔ, na merenwogo me ho. Wɔbɛgyina wo suban ne wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.