Hesekiel 24:13
Ezekiel 24:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Ɛfi a ɛwɔ wo mu no ne aniwudeyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho ɛkwan, wo ho remfi bio kɔsi sɛ mʼabufuhyeɛ a ɛtia woɔ no ano bɛdwo.
Ezekiel 24:13 in English
Ezekiel 24:13 · Berean Standard Bible
Because of the indecency of your uncleanness I tried to cleanse you, but you would not be purified from your filthiness. You will not be pure again until My wrath against you has subsided.
Context
11Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no so
kɔsi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ
sɛdeɛ emu fi no bɛnane
na deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ. 12Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;
emu fi dodoɔ no ankɔ,
ogya mpo antumi annyi. 13“ ‘Ɛfi a ɛwɔ wo mu no ne aniwudeyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho ɛkwan, wo ho remfi bio kɔsi sɛ mʼabufuhyeɛ a ɛtia woɔ no ano bɛdwo. 14“ ‘Me Awurade na maka. Ɛberɛ aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔborɔ, na merenwogo me ho. Wɔbɛgyina wo suban ne wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ” 15Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.