Native Bible

Ecclesiastes 8:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?”

Ecclesiastes 8:4 in English

Ecclesiastes 8:4 · Berean Standard Bible

For the king’s word is supreme, and who can say to him, “What are you doing?”

Context

2Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri sɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim. 3Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara. 4Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” 5Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu, na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan. 6Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ, nanso onipa haw hyɛ no so bebree.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.