Native Bible

Ecclesiastes 8:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara.

Ecclesiastes 8:3 in English

Ecclesiastes 8:3 · Berean Standard Bible

Do not hasten to leave his presence, and do not persist in a bad cause, for he will do whatever he pleases.

Context

1Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ? Hwan na ɔnim sɛdeɛ nneɛma teɛ? Nimdeɛ te nnipa anim na ɛbrɛ ne denyɛ ase. 2Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri sɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim. 3Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara. 4Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” 5Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu, na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.