Native Bible

Ecclesiastes 8:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ? Hwan na ɔnim sɛdeɛ nneɛma teɛ? Nimdeɛ te nnipa anim na ɛbrɛ ne denyɛ ase.

Ecclesiastes 8:1 in English

Ecclesiastes 8:1 · Berean Standard Bible

Who is like the wise man? Who knows the interpretation of a matter? A man’s wisdom brightens his face, and the sternness of his face is changed.

Context

1Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ? Hwan na ɔnim sɛdeɛ nneɛma teɛ? Nimdeɛ te nnipa anim na ɛbrɛ ne denyɛ ase. 2Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri sɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim. 3Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.