Native Bible

Ecclesiastes 8:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu, na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan.

Ecclesiastes 8:5 in English

Ecclesiastes 8:5 · Berean Standard Bible

Whoever keeps his command will come to no harm, and a wise heart knows the right time and procedure.

Context

3Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara. 4Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” 5Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu, na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan. 6Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ, nanso onipa haw hyɛ no so bebree. 7Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm enti, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛreba?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.