Ɔsɛnkafoɔ 8:6
Ecclesiastes 8:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ, nanso onipa haw hyɛ no so bebree.
Ecclesiastes 8:6 in English
Ecclesiastes 8:6 · Berean Standard Bible
For there is a right time and procedure to every purpose, though a man’s misery weighs heavily upon him.
Context
4Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” 5Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu,
na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan. 6Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ,
nanso onipa haw hyɛ no so bebree. 7Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm enti,
hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛreba? 8Obiara nni mframa so tumi na waboa ano;
saa ara na obiara nni ne wuda so tumi.
Na sɛdeɛ wɔmma obiara nkɔ ahomegyeɛ wɔ ɔko berɛ mu no,
saa ara na amumuyɛ rennyaa wɔn a wɔdi amumuyɛsɛm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.