Amos 9:13
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no, na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no. Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so.
Amos 9:13 in English
Amos 9:13 · Berean Standard Bible
“Behold, the days are coming,” declares the LORD, “when the plowman will overtake the reaper and the treader of grapes, the sower of seed. The mountains will drip with sweet wine, with which all the hills will flow.
Context
11“Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi
“Dawid efie a abubu no bio.
Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no,
na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no, 12na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no,
ne amanaman a me din da wɔn so.”
Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa. 13“Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no,
na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no.
Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so
na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so. 14Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba.
“Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu.
Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã;
wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba. 15Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase so
a wɔrentu bio da
mfiri asase a mede ama wɔn no so,”
sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.