Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase so a wɔrentu bio da mfiri asase a mede ama wɔn no so,” sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn seɛ nie.

Amos 9:15 in English

Amos 9:15 · Berean Standard Bible

I will firmly plant them in their own land, never again to be uprooted from the land that I have given them,” says the LORD your God.

Context

13“Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no, na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no. Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so. 14Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba. “Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã; wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba. 15Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase so a wɔrentu bio da mfiri asase a mede ama wɔn no so,” sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.