Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba. “Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã; wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba.

Amos 9:14 in English

Amos 9:14 · Berean Standard Bible

I will restore My people Israel from captivity;* they will rebuild and inhabit the ruined cities. They will plant vineyards and drink their wine; they will make gardens and eat their fruit.

Context

12na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no, ne amanaman a me din da wɔn so.” Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa. 13“Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no, na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no. Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so. 14Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba. “Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã; wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba. 15Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase so a wɔrentu bio da mfiri asase a mede ama wɔn no so,” sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.