Amos 9:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no, ne amanaman a me din da wɔn so.” Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.
Amos 9:12 in English
Amos 9:12 · Berean Standard Bible
that they may possess the remnant of Edom and all the nations that bear My name,”* declares the LORD, who will do this.
Context
10Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa
bɛtotɔ wɔ akofena ano,
wɔn a wɔka sɛ,
‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’ 11“Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi
“Dawid efie a abubu no bio.
Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no,
na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no, 12na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no,
ne amanaman a me din da wɔn so.”
Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa. 13“Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,
“A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no,
na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no.
Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so
na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so. 14Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba.
“Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu.
Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã;
wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.