Amos 9:10
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔka sɛ, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’
Amos 9:10 in English
Amos 9:10 · Berean Standard Bible
All the sinners among My people will die by the sword— all those who say, ‘Disaster will never draw near or confront us.’”
Context
8“Ampa ara Otumfoɔ Awurade ani
wɔ nnebɔne ahennie no so.
Mɛpepa no afiri asase ani,
nanso, merensɛe Yakob efie korakora,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 9“Na mɛhyɛ,
na mɛwoso Israel efie,
wɔ amanaman nyinaa mu,
sɛdeɛ wɔhuhu atokoɔ so wɔ huhuamoa mu
na aba fua mpo ntɔ fam no. 10Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa
bɛtotɔ wɔ akofena ano,
wɔn a wɔka sɛ,
‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’ 11“Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi
“Dawid efie a abubu no bio.
Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no,
na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no, 12na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no,
ne amanaman a me din da wɔn so.”
Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.