Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi “Dawid efie a abubu no bio. Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no, na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no,

Amos 9:11 in English

Amos 9:11 · Berean Standard Bible

“In that day I will restore the fallen tent of David. I will repair its gaps, restore its ruins, and rebuild it as in the days of old,

Context

9“Na mɛhyɛ, na mɛwoso Israel efie, wɔ amanaman nyinaa mu, sɛdeɛ wɔhuhu atokoɔ so wɔ huhuamoa mu na aba fua mpo ntɔ fam no. 10Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔka sɛ, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’ 11“Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi “Dawid efie a abubu no bio. Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no, na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no, 12na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no, ne amanaman a me din da wɔn so.” Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa. 13“Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no, na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no. Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.