Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ampa ara Otumfoɔ Awurade ani wɔ nnebɔne ahennie no so. Mɛpepa no afiri asase ani, nanso, merensɛe Yakob efie korakora,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Amos 9:8 in English

Amos 9:8 · Berean Standard Bible

Surely the eyes of the Lord GOD are on the sinful kingdom, and I will destroy it from the face of the earth. Yet I will not utterly destroy the house of Jacob,” declares the LORD.

Context

6Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsoro na ɔto ne fapem wɔ asase so. Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so. Awurade ne ne din! 7“Mo Israelfoɔ, mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim, ne Filistifoɔ amfiri Kreta, ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa? 8“Ampa ara Otumfoɔ Awurade ani wɔ nnebɔne ahennie no so. Mɛpepa no afiri asase ani, nanso, merensɛe Yakob efie korakora,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 9“Na mɛhyɛ, na mɛwoso Israel efie, wɔ amanaman nyinaa mu, sɛdeɛ wɔhuhu atokoɔ so wɔ huhuamoa mu na aba fua mpo ntɔ fam no. 10Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔka sɛ, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.