Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsoro na ɔto ne fapem wɔ asase so. Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so. Awurade ne ne din!

Amos 9:6 in English

Amos 9:6 · Berean Standard Bible

He builds His upper rooms in the heavens and founds His vault upon the earth. He summons the waters of the sea and pours them over the face of the earth. The LORD is His name.

Context

4Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a, ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn. “Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn. Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.” 5Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten. 6Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsoro na ɔto ne fapem wɔ asase so. Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so. Awurade ne ne din! 7“Mo Israelfoɔ, mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim, ne Filistifoɔ amfiri Kreta, ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa? 8“Ampa ara Otumfoɔ Awurade ani wɔ nnebɔne ahennie no so. Mɛpepa no afiri asase ani, nanso, merensɛe Yakob efie korakora,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.